Dwom 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wode dade poma+ bebubu wɔn,Wubebubu wɔn asinasin+ sɛ ɔnwemfo anwenne.” Dwom 110:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Yehowa begyina wo nsa nifa so+Abubu ahene pasaa n’abufuw da no.+ Yesaia 60:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔman anaa ahenni biara a ɛrensom wo no bɛbɔ; na aman no bɛsɛe koraa.+ Daniel 11:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Ɔde n’ahemfie ntamadan besi ɛpo kɛse no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔw kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abedu n’awiei,+ na ɔrennya ɔboafo biara.+ Adiyisɛm 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na nkrante tenten nnamnam bi fi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso otiatia ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyew+ nsã-kyi-amoa+ no so.
45 Ɔde n’ahemfie ntamadan besi ɛpo kɛse no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔw kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abedu n’awiei,+ na ɔrennya ɔboafo biara.+
15 Na nkrante tenten nnamnam bi fi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso otiatia ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyew+ nsã-kyi-amoa+ no so.