Dwom 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Asase so ahene sɔre gyina,+Na atumfoɔ bom+Sɔre tia Yehowa+ ne nea wasra no no.+ Hesekiel 38:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Ɛda a Gog bɛba Israel asase so no, m’abufuw bɛdɛw wɔ me hwenem.+ Romafo 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no. Adiyisɛm 11:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nanso amanaman no bo fuwii, na w’ankasa w’abufuw ne bere a ɛsɛ sɛ wubu awufo atɛn no bae, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifo+ ne akronkronfo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+ Adiyisɛm 19:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na mihuu akekaboa+ no ne asase so ahene+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ no so+ no ne ne dɔm rebɛko.+
5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no.
18 Nanso amanaman no bo fuwii, na w’ankasa w’abufuw ne bere a ɛsɛ sɛ wubu awufo atɛn no bae, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifo+ ne akronkronfo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+
19 Na mihuu akekaboa+ no ne asase so ahene+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ no so+ no ne ne dɔm rebɛko.+