11 Ɛnna mibisae sɛ: “O Yehowa, enkosi da bɛn?”+ Na obuae sɛ: “Enkosi sɛ kurow yi bɛsɛe na adan amamfõ, na afie ada mpan a ɔdesani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+
7 Nea ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafi adi sɛ gyata a ofi dɔtɔ mu reba, na watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwiriwde, na wasɛe wo nkurow pasaa na obi antena mu bio.+
18 “Mika+ a ofi Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yudafo nyinaa sɛ: ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wobedwiriw Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔw no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.”’+