20 Wɔboaa wɔn ɔko no mu, enti wodii Hagrifo ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, efisɛ Onyankopɔn na wosu frɛɛ no+ ɔko no mu, na wɔde wɔn ho too no so, enti otiee wɔn.+
9 Nokwasɛm ne sɛ yɛtee nka wɔ yɛn mu sɛ yɛawu awie. Eyi baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ho so,+ na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a onyan awufo+ no so.
6 Bio nso, gyidi nni hɔ a,+ obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani,+ efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ,+ na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no+ no katuafo.+