7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+
8 Ɔdesani, waka nea eye akyerɛ wo.+ Na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee+ na woadɔ ayamye+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew.+