11 Ɔbarima mmɔdenbɔfo bi wɔ w’ahenni mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom,+ na wo papa bere so no, wohuu no sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhumu ne nyansa sɛ anyame nyansa, na wo papa, ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfo, nkonyaayifo, Kaldeafo ne nsoromma mu ahwɛfo so panyin,+ O ɔhene, wo papa ankasa.