9 “Mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua,+ na Nea ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.+ N’agua yɛ ogyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ ogya a ɛrefram.+
13 “Mehwɛe ara, anadwo anisoadehu no mu, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum+ mu reba. Oduu Nea ne nna akyɛ+ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.+