3 wɔ n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow pon+ maa ne mpanyimfo, nkoa, asraafo a wɔwɔ Persia+ ne Media,+ mmapɔmma,+ ne amradofo a wɔhwɛ amantam no so no.+ Ná wɔn nyinaa ahyia wɔ n’anim,
28 Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo, na nea ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne nea maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+
“Hwɛ! ahene baasa foforo bɛsɔre agyina wɔ Persia,+ na nea ɔto so anan+ no benya ahonyade pii asen wɔn a wɔaka nyinaa.+ Na sɛ n’ahonyade ma onya ahoɔden ara pɛ a, ɔbɛhwanyan biribiara atia Hela+ ahenni.