Numeri 12:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie me. Sɛ Yehowa diyifo bi wɔ mo mu a, anisoadehu+ mu na meyi me ho adi akyerɛ no, na dae+ mu na mɛkasa akyerɛ no. Hiob 33:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔdae mu,+ anadwo adehu mu,+Bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so,Bere a wɔada wɔ mpa so.+ Dwom 25:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔn a wosuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimsɛm,+Na n’apam nso, ɔma wohu mu.+ Daniel 2:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba nna a edi akyiri no mu.+ Wo dae ne anisoadehu a wunyae wɔ wo mpa so no ni: 1 Korintofo 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na nnipa mu hena na onim onipa ho ade sɛ onipa ankasa honhom+ a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Onyankopɔn ho ade sɛ Onyankopɔn honhom.+
6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie me. Sɛ Yehowa diyifo bi wɔ mo mu a, anisoadehu+ mu na meyi me ho adi akyerɛ no, na dae+ mu na mɛkasa akyerɛ no.
28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba nna a edi akyiri no mu.+ Wo dae ne anisoadehu a wunyae wɔ wo mpa so no ni:
11 Na nnipa mu hena na onim onipa ho ade sɛ onipa ankasa honhom+ a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Onyankopɔn ho ade sɛ Onyankopɔn honhom.+