20 “‘Mifi tete na mibubuu wo kɔndua+ mu asinasin; metetew wo nkyehama mu. Nanso wokae sɛ: “Merensom wo,” efisɛ wodaa+ nkoko atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ aguaman.+
28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam+ guu nsã wɔ hɔ.+