64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, fi asase ano kosi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.+
15 Na munhu sɛ sɛnea asɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome no nyinaa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afi asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so,+
7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.