Dwom 78:57 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 57 Wɔsan wɔn akyi, na wotwaa nkontompo sɛ wɔn agyanom;+Wɔsan wɔn akyi sɛ agyan a emu agow.+ Yeremia 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yehowa ka kyerɛɛ me wɔ Ɔhene Yosia+ nna no mu sɛ: “‘Woahu nea mmaratoni Israel ayɛ yi?+ Ɔkɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so+ ne dua kusuu+ biara ase kɔbɔ aguaman wɔ hɔ.+ Yeremia 8:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Dɛn nti na Yerusalem man yi kura nkontompo mu de to mmara yi? Wokura nnaadaasɛm+ mu denneennen, na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+
6 Na Yehowa ka kyerɛɛ me wɔ Ɔhene Yosia+ nna no mu sɛ: “‘Woahu nea mmaratoni Israel ayɛ yi?+ Ɔkɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so+ ne dua kusuu+ biara ase kɔbɔ aguaman wɔ hɔ.+
5 Dɛn nti na Yerusalem man yi kura nkontompo mu de to mmara yi? Wokura nnaadaasɛm+ mu denneennen, na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+