Hiob 21:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Wɔte sɛ sare wɔ mframa ano anaa?+Anaasɛ wɔte sɛ ntɛtɛwa a osuframa huw kɔ? Dwom 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Abɔnefo de, wɔnte saa,Na mmom wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa huw kɔ.+ Daniel 2:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Saa bere no, dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sika no nyinaa bubui, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa,+ na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu ɛho biribiara bio.+ Ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no dan bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.+
35 Saa bere no, dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sika no nyinaa bubui, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa,+ na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu ɛho biribiara bio.+ Ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no dan bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.+