4 Na obebu atɛn wɔ amanaman no mu,+ na obesiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.+
9 Na wɔn a wɔtete Israel nkurow mu befi adi de ogya ato akode ne akyɛm nketewa ne akɛse mu—agyan ne mmɛmma ne mporibaa ne mpeaw; na wɔde bɛsɔ gya+ mfe ason.
10 Na metwitwa teaseɛnam mu afi Efraim ne ɔpɔnkɔ mu afi Yerusalem.+ Na wobetwitwa akodi agyan+ mu. Na ɔbɛka asomdwoesɛm akyerɛ aman.+ Na obedi hene afi po so akɔ po so, afi asubɔnten kɛse no ano akosi asase ano.+