Yesaia 13:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɔsoro nsoromma ne Kesil nsorommakuw+ renhyerɛn; na owia beduru sum bere a ɛrepue no ara, na ɔsram rensɔ ne kanea. Hesekiel 32:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “‘Sɛ mema wudum a, mɛkata ɔsoro na mama ne nsoromma ayɛ tumm. Mede omununkum bɛkata owia so na ɔsram renhyerɛn+ bio. Yoel 2:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Owia bɛdan sum+ na ɔsram adan mogya+ ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+ Asomafo Nnwuma 2:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 owia+ bɛdan sum na ɔsram adan mogya ansa na Yehowa da kɛse a ɛkyɛn so no aba.+
10 Ɔsoro nsoromma ne Kesil nsorommakuw+ renhyerɛn; na owia beduru sum bere a ɛrepue no ara, na ɔsram rensɔ ne kanea.
7 “‘Sɛ mema wudum a, mɛkata ɔsoro na mama ne nsoromma ayɛ tumm. Mede omununkum bɛkata owia so na ɔsram renhyerɛn+ bio.