8 Ɔkwan bi, ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron.+ Na nea ne ho ntew remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so, na nkwaseafo remfa so.
15 “Hwɛ, nea ɔde asɛmpa ba, nea ɔka asomdwoesɛm, no nan wɔ mmepɔw so.+ Yuda, di w’afahyɛ.+ Bɔ a woahyɛ no, tua,+ efisɛ ohuhuni biara rentwam mfa wo mu bio.+ Wobetwa no afi hɔ koraa.”+
21 Na kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron ama asafo Yehowa, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔre no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu.+ Na saa da no wɔrenhu Kanaanni+ biara wɔ asafo Yehowa fie.”+
27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyide+ bi anaa otwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nkutoo.+