16 “Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina Yehowa wo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw no:+ bere a woredi paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ no.+ Na obiara mmfa nsapan mmma Yehowa anim.+
33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde kyerɛ+ ne daa aduan afɔre+ ne daa ɔhyew afɔre a wɔbɔ wɔ home nna+ ne asram foforo mu,+ ne afahyɛ ahorow+ ne akronkronne+ ne bɔne afɔre+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.+