Mmebusɛm 22:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nsisi ohiani, sɛ ɔyɛ ohiani nti,+ na ntiatia mmɔborɔni so wɔ kurow pon ano.+ Hosea 4:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nnome+ ne nnaadaa+ ne awudi+ ne korɔnbɔ+ ne awaresɛe+ adɔɔso, na wɔde mogyahwiegu atoatoa mogyahwiegu so.+ Mika 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wɔn ani bere afuw na wogye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wosisi ɔbarima gye n’agyapade.+ Malaki 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka. Yakobo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+
2 Nnome+ ne nnaadaa+ ne awudi+ ne korɔnbɔ+ ne awaresɛe+ adɔɔso, na wɔde mogyahwiegu atoatoa mogyahwiegu so.+
2 Wɔn ani bere afuw na wogye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wosisi ɔbarima gye n’agyapade.+
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+