Dwom 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wobɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.+Yehowa kyi mogyahwiegufo+ ne ɔdaadaafo.+ Yesaia 59:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afi yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛso ne atuatew na yɛka,+ na yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam ma epue fi yɛn anom.+ Hosea 11:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Efraim de atorodi atwa me ho ahyia,+ na Israel fie de nnaadaa atwa me ho asi. Nanso Yuda ne Onyankopɔn na ɛnam,+ na odi Ɔkronkronni no nokware.”
13 Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afi yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛso ne atuatew na yɛka,+ na yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam ma epue fi yɛn anom.+
12 “Efraim de atorodi atwa me ho ahyia,+ na Israel fie de nnaadaa atwa me ho asi. Nanso Yuda ne Onyankopɔn na ɛnam,+ na odi Ɔkronkronni no nokware.”