39 “Enti Israel fie, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Na sɛ akyiri yi nso moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo ayɛyɛde no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+
13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw so,+ na wɔma wɔn afɔrebɔde tu wusiw wɔ nkoko so,+ dupɔn ne duafufu ne dua kɛse ase, efisɛ ne nwini ye.+ Enti mo mmabea bɔ aguaman na mo sewnom sɛe aware.