Deuteronomium 28:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Wobɛwo mmabarima ne mmabea nanso wɔrentena wo nkyɛn nkyɛ, efisɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ nkoa wɔ baabi.+ 2 Ahene 17:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafo nkurow mu.+ Yesaia 39:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 ‘Na wɔbɛfa w’ankasa wo mma a wobefi wo mu aba, mmofra a wobɛwo wɔn, no mu bi akɔ+ ma wɔakɔyɛ nhenkwaa+ wɔ Babilon hene ahemfie.’”+
6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafo nkurow mu.+
7 ‘Na wɔbɛfa w’ankasa wo mma a wobefi wo mu aba, mmofra a wobɛwo wɔn, no mu bi akɔ+ ma wɔakɔyɛ nhenkwaa+ wɔ Babilon hene ahemfie.’”+