19 Atoko nsa mã ne paanoo sin nti mubegu me ho fĩ wɔ me man anim,+ na monam nkontompo a mutwa me man a wotie atosɛm so bekum akra a ɛmfata sɛ wowu+ na moakora akra a ɛnsɛ sɛ wɔtena ase so anaa?”’+
2 “Onipa ba, hyɛ Israel nguanhwɛfo ho nkɔm. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nguanhwɛfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Israel nguanhwɛfo+ a wodwen wɔn ankasa yafunu ho+ no nnue! So ɛnyɛ nguan na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo yɛn wɔn?+
18 Na nnipa a wɔte saa no nyɛ nkoa mma yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔyɛ nkoa ma wɔn ankasa yafunu;+ na wɔde tɛkrɛmadɛ+ ne adɔkɔdɔkɔsɛm+ daadaa wɔn a wɔn tirim fitaa no koma.