13 Na Dawid san frɛɛ no bio ma obedidi nomee wɔ n’anim, na ɔma ɔbowee.+ Nanso anwummere no, ofii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wankɔ ne fie.
28 Afei Absalom hyɛɛ n’asomfo no sɛ: “Sɛ muhu sɛ Amnon anom nsã ama n’ani agye ne komam+ na meka kyerɛ mo sɛ, ‘Munkum Amnon!’ a, saa bere no na munkum no, munnsuro.+ Ɛnyɛ me na mahyɛ mo saa anaa? Monyɛ den na munnya akokoduru.”
3 Na n’aguamammɔ abufuw nsã no anya amanaman nyinaa,+ na asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,+ na asase so aguadifo+ nyaa wɔn ho esiane ne taamudi tumi nti.”+