Exodus 13:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+ Dwom 104:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wufura hann sɛ ntama,+Na woatrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan.+ Yesaia 60:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wo wia rentɔ bio, na wo sram rennum bio, efisɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na w’awerɛhow nna bɛba awiei.+ Adiyisɛm 22:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Afei adesae befi hɔ,+ na kanea anaa owia hann ho renhia wɔn bio, efisɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma hann+ ahyerɛn wɔn so, na wobedi hene daa daa.+
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+
20 Wo wia rentɔ bio, na wo sram rennum bio, efisɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na w’awerɛhow nna bɛba awiei.+
5 Afei adesae befi hɔ,+ na kanea anaa owia hann ho renhia wɔn bio, efisɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma hann+ ahyerɛn wɔn so, na wobedi hene daa daa.+