12 Na afɔremuka a Yuda ahene yeyɛe a ɛwowɔ Ahas abansoro pia atifi+ ne afɔremuka+ a Manase sisii wɔ Yehowa fie adiwo abien no, ɔhene bubui na ɔyamee wɔ hɔ, na ɔtow mfutuma no guu Kidron subon no mu.
3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubui+ no, ɔsan sisii, na osisii afɔremuka+ maa Baal+ ahoni; osisii abosonnua,+ ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+
13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahene afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhyew afɔrebɔde wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wohwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforo+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
29 Kaldeafo a wɔne kurow yi redi ako no bɛba de ogya abɛto kurow yi mu, na wɔahyew+ ɛne afie a wɔhyew afɔrebɔde wɔ n’atifi ma Baal na wohwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw no.’+