2 Na wɔbɛtrɛtrɛw mu akyerɛ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn, na wodii wɔn akyi,+ na wɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan, na wɔkotow wɔn no.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina asase ani.”+
29 Kaldeafo a wɔne kurow yi redi ako no bɛba de ogya abɛto kurow yi mu, na wɔahyew+ ɛne afie a wɔhyew afɔrebɔde wɔ n’atifi ma Baal na wohwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw no.’+
17 mmom asɛm a afi yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhyew afɔrebɔde ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛnea yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahene+ ne yɛn mpanyimfo yɛe wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so bere a na yedidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yenhu mmusu biara no.+