Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 4:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahu owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ebegyigye mo ama moasom wɔn.+ Eyinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+

  • Deuteronomium 17:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Sɛ ɔkɔsom anyame foforo anaa ɔkotow owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo+ biara a menhyɛɛ wɔn,+

  • 2 Ahene 17:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Wogyaw Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛde+ nyinaa, na wɔyeyɛɛ dade ahoni,+ nantwi mma+ abien, na wɔyɛɛ ɔbosom dua,+ na wɔkotow ɔsoro asafo+ nyinaa, na wɔsom Baal;+

  • 2 Ahene 21:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubui no, ɔsan sisii,+ na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua sɛnea Israel hene Ahab+ yɛe no; ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+

  • Yeremia 7:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 So mobɛbɔ korɔn,+ adi awu,+ asɛe aware,+ akeka ntanhunu,+ ahyew afɔrebɔde ama Baal,+ akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi,+

  • Yeremia 19:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahene afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhyew afɔrebɔde wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wohwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforo+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+

  • Sefania 1:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 ne wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkotow ɔsoro asafo,+ ne wɔn a wɔbɔ wɔn mu ase+ ka Yehowa+ ne Malkam+ ntam;

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena