15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+
61Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+ efisɛ Yehowa asra me+ sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+ Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,+ na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum,+ na mimmue nneduafo aniwa.+
27 na mmom wiase nkwaseade+ na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu; na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu;+