41Ɛbae sɛ ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael+ a ofi adehye abusua+ mu a ɔka ɔhene mpanyimfo ho no ne mmarima foforo du+ baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Na wɔn nyinaa tenaa ase sɛ wɔredidi wɔ Mispa.+
2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔree, na wɔde nkrante bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti okum nea Babilon hene de no asi asase no so no.+