Yeremia
41 Ɛbae sɛ ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael+ a ofi adehye abusua+ mu a ɔka ɔhene mpanyimfo ho no ne mmarima foforo du+ baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Na wɔn nyinaa tenaa ase sɛ wɔredidi wɔ Mispa.+ 2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔree, na wɔde nkrante bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti okum nea Babilon hene de no asi asase no so no.+ 3 Na Yudafo a wɔka Gedalia ho wɔ Mispa no nyinaa ne Kaldeafo a wɔwɔ hɔ no, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔkɔ ɔsa no, Ismael kunkum wɔn.
4 Bere a wokum Gedalia no akyi nnanu a obiara nnim ho hwee+ no, 5 mmarima bi fi Sekem+ ne Silo+ ne Samaria+ bae, mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn bogyesɛ+ asunsuan wɔn ntade mu atwitwa wɔn ho akam;+ ná wokura wɔn nsam aduan afɔre ne ɛhyɛ+ sɛ wɔde reba Yehowa fie. 6 Enti Netania ba Ismael fii Mispa kohyiaa wɔn, na ɔrekɔ nyinaa na ɔresu.+ Bere a ohyiaa wɔn no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.” 7 Nanso bere a woduu kurow no mu ara pɛ, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn, na wɔtow wɔn guu abura no mu.+
8 Nso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael ntɛm sɛ: “Nkum yɛn na yɛde nneɛma pa bi asie afuw mu, awi ne atoko ne ngo ne ɛwo.”+ Enti ogyaee wɔn, na wankum wɔn amfra wɔn nuanom no. 9 Abura a Ismael+ tow mmarima a okunkum wɔn no nyinaa afunu guu mu no yɛ nea Israel hene Baasa nti Ɔhene Asa tui no,+ na na ɛyɛ abura kɛse. Ɛno na Netania ba Ismael de wɔn a wɔawuwu no afunu hyɛɛ no ma.
10 Afei Ismael faa nnipa no nkae a wɔwɔ Mispa+ no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea+ ne wɔn a wɔaka wɔ Mispa+ a awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam+ ba Gedalia nsa no. Enti Netania ba Ismael faa wɔn nnommum sɛ ɔde wɔn retwa akɔ Ammonfo+ mu.
11 Akyiri yi, Karea ba Yohanan+ ne asahene+ a wɔka ne ho no nyinaa tee adebɔne a Netania ba Ismael ayɛ no nyinaa. 12 Enti wɔfaa mmarima no nyinaa, na wɔkɔe sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko. Na wɔkɔtoo no wɔ Gibeon+ nsu pii no ho.
13 Na bere a nnipa a wɔwɔ Ismael nkyɛn no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa no, wofii ase bɔɔ ose. 14 Enti nnipa a Ismael faa wɔn nnommum fii Mispa+ no nyinaa san wɔn akyi, na wɔkɔɔ Karea ba Yohanan nkyɛn. 15 Na Netania ba Ismael de, ɔne mmarima baawɔtwe guan+ fii Yohanan anim kɔɔ Ammonfo mu.
16 Na Karea ba Yohanan+ ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa nkae no nyinaa, wɔn a Netania ba Ismael faa wɔn fii Mispa bere a okum Ahikam ba Gedalia+ no, nnɔmmarima, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa, ne wɔn yerenom ne wɔn mma nkumaa ne ahemfie mpanyimfo no, na ɔde wɔn fi Gibeon bae. 17 Na wɔkɔsoɛɛ Kimham asoɛe wɔ Betlehem+ nkyɛn sɛ wɔrekɔ Egypt,+ 18 Kaldeafo+ no nti; ná wosuro wɔn,+ Ahikam+ ba Gedalia a Babilon hene de no sii asase no so+ a Netania ba Ismael kum no no nti.