13 “Sion babea, sɔre porow;+ na mɛma wo mmɛn adan dade na wo nan adan kɔbere, na wobɛyam aman pii.+ Wobɛkora wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa+ na woahyira wɔn ahode so ama Awurade nokwafo a odi asase nyinaa so no.”+
15 Asafo Yehowa begyina wɔn akyi, na wɔbɛmemene+ akorabo adi so korakora. Na wɔbɛnom+ ayɛ hagyahagya te sɛ nea wɔanom nsã. Wɔbɛyɛ mã te sɛ kuruwa, te sɛ afɔremuka ntwea so.+