2 Beresosɛm 29:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifo, muntie me. Munnwira+ mo ho, na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fie no kronkron, na munyiyi nea ɛho ntew mfi kronkronbea hɔ.+ Kwadwom 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Bɔne na Yerusalem ayɛ.+ Ɛno nti na wadan atantanne no.+Wɔn a wodii no ni nyinaa abu no sɛ ade fõ,+ efisɛ wɔahu n’adagyaw.+Ɔno nso resi apini+ na wadan ne ho. Hesekiel 36:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Onipa ba, bere a Israel fie te wɔn asase so no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fĩ.+ Wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ pɔtɔɔ wɔ m’ani so.+ Hesekiel 36:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “‘Meyi mo afi mo fĩ+ nyinaa mu na mama aburow abu so, na meremma munhu ɔkɔm bio.+
5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifo, muntie me. Munnwira+ mo ho, na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fie no kronkron, na munyiyi nea ɛho ntew mfi kronkronbea hɔ.+
8 Bɔne na Yerusalem ayɛ.+ Ɛno nti na wadan atantanne no.+Wɔn a wodii no ni nyinaa abu no sɛ ade fõ,+ efisɛ wɔahu n’adagyaw.+Ɔno nso resi apini+ na wadan ne ho.
17 “Onipa ba, bere a Israel fie te wɔn asase so no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fĩ.+ Wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ pɔtɔɔ wɔ m’ani so.+