20 ɛnde Yehowa nso remfa mfiri no,+ mmom Yehowa bo befuw+ no na ɔde n’anibere+ mu wusiw bepun no,+ na nnome a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa bɛba no so,+ na Yehowa bɛpopa ne din afi ɔsoro ase.
17 Afei nso, ɔde Elia+ honhom ne ne tumi bedi n’anim, de adan agyanom koma+ aba mma so ne asoɔdenfo aba treneefo nyansa ho, asiesie nkurɔfo+ bi ama Yehowa.”+