Leviticus 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Deuteronomium 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+ Deuteronomium 16:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. Yakobo 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara+ no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo.
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.