15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere a ayeforokunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa+ ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno na afei wobedi mmuada.+
11 “Afei nso, minni wiase bio, na wɔn de, wɔwɔ wiase+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, w’ankasa wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so+ na wɔayɛ biako sɛnea yɛn nso yɛyɛ biako no.+