Luka
5 Bere bi a ɛbae sɛ nnipakuw no akyere no so retie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret ɔtare no ho.+ 2 Na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, nanso na apofofo no asisi afi mu rehohoro wɔn asau mu.+ 3 Ɔkɔforoo ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon de, srɛɛ no sɛ ompia mfi asase so nkɔ akyiri kakra. Afei ɔtenaa mu, na ofi ɔkorow+ no mu fii ase kyerɛkyerɛɛ nnipakuw no. 4 Bere a ogyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Pia kɔ nea ɛhɔ dɔ, na mungu mo asau+ no mfa nyi nam.” 5 Na Simon buae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛayɛ adwuma anadwo mũ nyinaa na yɛannya hwee,+ nanso w’ano asɛm nti megu asau no.” 6 Na wɔyɛɛ saa no, wobumaa mpataa pii. Nokwarem no, wɔn asau no fii ase tetewee. 7 Enti wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu sɛ wɔmmɛboa wɔn;+ na wɔbae ma wɔhyɛɛ akorow abien no mama, na efii ase sɛ ɛremem. 8 Bere a Simon Petro+ huu eyi no, ɔkotow Yesu nan ase kae sɛ: “Awurade, fi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfo.”+ 9 Mpataa a woyii no maa ɔne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa ho dwiriw wɔn, 10 na Sebedeo mma+ Yakobo ne Yohane, a wɔyɛ Simon yɔnko adwumayɛfo no nso ho dwiriw wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Nsuro. Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.”+ 11 Enti wɔsan de akorow no baa asase so, na wogyaw biribiara hɔ dii n’akyi.+
12 Bere foforo a ɔwɔ nkurow no biako mu no, hwɛ! ɔbarima bi a kwata aguare no ni! Bere a n’ani bɔɔ Yesu so no, ɔhwee n’anim srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.”+ 13 Enti, ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara:+ “Na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo,+ na bɔ w’ahofi ho afɔre+ sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn.”+ 15 Nanso ne ho asɛm trɛwee pii, na nnipakuw pii bae sɛ wɔrebetie no na wasa wɔn yare.+ 16 Nanso, ɔtew ne ho kɔhyɛɛ sare so baabi bɔɔ mpae.+
17 Nna no mu biako a na ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmarakyerɛfo a wofi nkuraa a ɛwowɔ Galilea ne Yudea ne Yerusalem nyinaa ase aba no tete hɔ, na na Yehowa tumi wɔ no so a ɔde bɛsa yare.+ 18 Na hwɛ! mmarima bi sõ obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so, na na wɔrehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de no abɛto n’anim.+ 19 Enti, bere a wɔannya kwan amfa no amma esiane nnipadɔm no nti no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi kogyaa ɔne kɛtɛ no mu faa dan no soro bɛtoo wɔn a wɔwɔ Yesu anim no mfinimfini.+ 20 Na ohuu wɔn gyidi no ɔkae sɛ: “Barima, wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 21 Ɛhɔ ara na akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuw ho sɛ: “Hena ni a ɔka abususɛm yi?+ Hena na obetumi de bɔne afiri sɛ Onyankopɔn nkutoo?”+ 22 Nanso, Yesu huu wɔn nsusuwii no, obuaa wɔn sɛ: “Dɛn na moresusuw mo koma mu yi?+ 23 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nantew’?+ 24 Nanso nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firi nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Mise wo sɛ, sɔre fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie.”+ 25 Na amonom hɔ ara ɔsɔre gyinaa wɔn anim, faa nea ɔda so no fii hɔ kɔɔ ne fie, a na ɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam.+ 26 Afei ɛyɛɛ wɔn mu biara nwonwa,+ na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn ma wɔkae sɛ: “Yɛahu anwonwade nnɛ!”+
27 Eyinom akyi no, ofii adi kohui sɛ towgyeni bi a wɔfrɛ no Lewi te towgyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.”+ 28 Na ogyaw biribiara+ hɔ sɔre dii n’akyi. 29 Afei nso, Lewi tow pon kɛse bi wɔ ne fie maa no; na towgyefo pii ne nnipa foforo bɛtenatenaa adidii hɔ.+ 30 Enti Farisifo ne wɔn akyerɛwfo no nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Dɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi nom yi?”+ 31 Yesu bua see wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo,+ na wɔn a wɔyare no de, wohia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ treneefo, na mmom merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo de wɔn akɔ adwensakra mu.”+
33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yohane asuafo no di mmuada mpɛn pii na wɔbɔ mpae, na Farisifo nso yɛ saa ara, nanso w’asuafo no didi na wɔnom.”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So mubetumi ama ayeforokunu no nnamfonom adi mmuada bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn yi?+ 35 Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu+ no afi wɔn nkyɛn;+ saa nna no mu na wobedi mmuada.”+
36 Afei, ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara ntwa atade foforo mfa ntare atade dedaw mu; na sɛ ɔyɛ saa a, atade foforo no tew na foforo no bɛyɛ soronko wɔ dedaw no ho.+ 37 Bio nso, obiara mfa bobesa mono ngu nsa kotoku dedaw mu; na sɛ ɔyɛ saa a, nsa mono no bɛpaapae nsa kotoku no,+ na nsa no betu agu na kotoku no asɛe.+ 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa mono gu nsa kotoku foforo mu. 39 Obiara a wanom nsa dedaw no mpɛ nsa mono; na ɔka sɛ, ‘dedaw+ no ye paa.’”