Mateo 8:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidi sua?”+ Afei ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ Mateo 14:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidi sua, dɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”+ Mateo 16:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yesu huu saa no, ɔkae sɛ: “Dɛn nti na paanoo a munni nti moredwinnwen, mo a mo gyidi sua?+ Luka 12:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Enti sɛ Onyankopɔn fura wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mpɛn ahe ara na ɔremfura mo mmom ntama, mo a mo gyidi sua!+
26 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidi sua?”+ Afei ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+
31 Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidi sua, dɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”+
28 Enti sɛ Onyankopɔn fura wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mpɛn ahe ara na ɔremfura mo mmom ntama, mo a mo gyidi sua!+