Deuteronomium 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Onipa biako rentumi nsɔre nni adanse ntia obi wɔ mfomso anaa bɔne bi ho,+ bɔne biara a wayɛ ho. Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm no nnyina.+ Yohane 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Afei nso wɔakyerɛw wɔ mo ankasa Mmara mu sɛ, ‘Nnipa baanu adanse yɛ nokware.’+ 2 Korintofo 13:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ne mprɛnsa so+ ni a merebɛba mo nkyɛn. “Asɛm biara nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.”+ 1 Timoteo 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nnye sobo a wɔbɔ ɔpanyin ntom, gye sɛ egyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.+ Hebrifo 10:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Sɛ obi bu Mose mmara no animtiaa a, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so ma owu a ahummɔbɔ nnim.+
15 “Onipa biako rentumi nsɔre nni adanse ntia obi wɔ mfomso anaa bɔne bi ho,+ bɔne biara a wayɛ ho. Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm no nnyina.+
13 Ne mprɛnsa so+ ni a merebɛba mo nkyɛn. “Asɛm biara nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.”+
28 Sɛ obi bu Mose mmara no animtiaa a, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so ma owu a ahummɔbɔ nnim.+