Mateo 13:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ ankɔ dɔte mu pii nti ntɛm ara na efifii.+ Marko 4:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na eyinom nso ne nea woguu no abotan so no: wɔte asɛm no ara pɛ a wɔde anigye gye tom.+ Marko 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn hintidua.+ Luka 8:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ebi nso guu ɔbotan so, na efifii akyi no, ewui esiane nsu a annya nti.+
5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ ankɔ dɔte mu pii nti ntɛm ara na efifii.+
17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn hintidua.+