Luka
8 Eyi akyi bere tiaa bi no, otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.+ Ná dumien no ka ne ho, 2 ne mmea+ bi a wasa wɔn yare atu ahonhommɔne afi wɔn so, Maria a wɔfrɛ no Magdalene, a ahonhommɔne ason fi ne mu kɔe no,+ 3 ne Herode fie so panyin Kusa yere Yoana,+ ne Susana ne mmea foforo pii a na wɔde wɔn ahode resom wɔn no.
4 Afei bere a nnipakuw kɛse bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkurow nkurow so no ho no, ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufo bi fii adi sɛ ɔrekogu n’aba. Na ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn ma wotiatiaa so, na ewim nnomaa dii.+ 6 Ebi nso guu ɔbotan so, na efifii akyi no, ewui esiane nsu a annya nti.+ 7 Ebi nso koguu nsɔe mu, na nsɔe a ɛne no nyinii no miaa no.+ 8 Ebi nso guu asase pa mu, na efifii akyi no, ɛsow aba mmɔho ɔha.”+ Bere a ɔkaa eyinom no, ɔmaa ne nne so kae sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+
9 Nanso n’asuafo no fii ase bisaa no nea mfatoho yi kyerɛ.+ 10 Ɔkae sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no de, wɔte no mfatoho mu,+ ma enti wɔbɛhwɛ de, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte de, nanso wɔrente ase.+ 11 Afei mfatoho+ no ase ni: Aba no ne Onyankopɔn asɛm.+ 12 Nea eguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔtee,+ na Ɔbonsam+ beyii asɛm no fii wɔn koma mu na wɔannye anni annya nkwa.+ 13 Nea eguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini; wogye di wɔ bere bi mu, nanso edu sɔhwɛ bere a, na wɔawae.+ 14 Nea eguu nsɔe mu no, eyinom ne wɔn a wɔate, nanso asetena yi mu dadwen ne ahonya ne anigye+ twetwe wɔn, na emia wɔn koraa ma enti biribiara nwie pɛyɛ.+ 15 Nea eguu asase pa mu no, eyi ne wɔn a sɛ wɔde koma pa+ tie asɛm no wie a, wɔkora so na wɔde boasetɔ sow aba.+
16 “Obiara nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde ade bɛkata so anaasɛ ɔde besi mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama wɔn a wɔba mu no ahu hann no.+ 17 Biribiara nni hɔ a ahintaw+ a ɛrenna adi, na biribiara nni hɔ a wɔakata so a wɔrenhu na ɛremma petee mu.+ 18 Enti, monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye; na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no pii,+ na nea onni no de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam.”+
19 Afei ne maame ne ne nuabarimanom+ baa baabi a ɔwɔ no, nanso nnipakuw no nti, wɔantumi annu ne nkyɛn.+ 20 Na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Wo maame ne wo nuabarimanom gyina abɔnten pɛ sɛ wohu wo.”+ 21 Obua see wɔn sɛ: “Me maame ne me nuabarimanom ne eyinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔyɛ no.”+
22 Ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow bi mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya nohoa.” Enti wosiim kɔe.+ 23 Na wɔwɔ nsu no so no, ɔdae. Ɛnna mframa kɛse bi bɔ baa ɔtare no so, na nsu fii ase bu faa wɔn so na ɛde wɔn too asiane mu.+ 24 Afei wɔkɔɔ ne nkyɛn konyanee no kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛrebewuwu!”+ Onyanee no, ɔteɛteɛɛ+ mframa no ne nsu a ebu fa so no, na ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn. 25 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidi wɔ he?” Nanso ehu kaa wɔn, na wɔde ahodwiriw keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hena koraa ni a otumi hyɛ mframa ne nsu mpo ma wotie no yi?”+
26 Na wokogyinaa mpoano wɔ Gerasafo asase so wɔ Galilea ntentenso.+ 27 Na osii fam no, ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone a ofi kurow no mu behyiaa no. Na bere tenten ni a omfuraa ntama, na ɔnte fie, na mmom asiei.+ 28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm denneennen hwee n’anim de nne kɛse kae sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ,+ Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Mesrɛ wo, nhaw me.”+ 29 (Ná ɔrehyɛ honhom fĩ no sɛ emfi ɔbarima no mu. Ná anya no so tumi bere tenten ni,+ na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, nanso ɔtetew mpokyerɛ no mu na honhom fĩ no twe no kɔ baabi a obiara nni.) 30 Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de dɛn?” Ɔkae sɛ: “Asafotow” efisɛ na adaemone pii ahyɛn ne mu.+ 31 Na wɔkɔɔ so srɛɛ+ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wommfi ne mu nnkɔ bun no mu.+ 32 Ná mprako+ pii redidi wɔ bepɔw no so; enti wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan ma wɔnkɔhyɛn wɔn mu.+ Na ɔmaa wɔn kwan. 33 Enti adaemone no fii ɔbarima no mu kɔhyɛn mprako no mu, na mprako no bɔɔ kirididi fii bepɔw no so koguu ɔtare no mu wuwui.+ 34 Bere a wɔn a wɔhwɛ mmoa no huu nea asi no, woguan kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurow no mu ne nkuraase.+
35 Ɛnna nkurɔfo bae sɛ wɔrebɛhwɛ nea asi, na wɔbaa Yesu nkyɛn behuu ɔbarima a wɔatu adaemone afi ne mu no sɛ ɔhyɛ atade te Yesu nan ase, a n’dwenem atew; na wɔbɔɔ hu.+ 36 Wɔn a wohui no kaa sɛnea ɛyɛe a ɔbarima a ɔwɔ adaemone no ho tɔɔ no no kyerɛɛ wɔn.+ 37 Enti nnipadɔm a wofi Gerasafo nsase a atwa ahyia so no nyinaa see no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ na ehu aka wɔn kɛse.+ Ɛnna ɔtenaa ɔkorow no mu siim sɛ ɔrekɔ. 38 Nanso, ɔbarima a adaemone fii ne mu no kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔne no bɛkɔ; nanso ɔsan no kae sɛ:+ 39 “San kɔ fie, na kɔ so ka nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no kyerɛ.”+ Enti ofii hɔ kɔe, paee mu kaa nea Yesu ayɛ ama no no wɔ kurow no mu nyinaa.+
40 Bere a Yesu san bae no, nnipakuw no gyee no fɛw so, efisɛ na wɔn nyinaa rehwɛ no kwan.+ 41 Na hwɛ! ɔbarima bi a ne din de Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae. Na ɔhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie,+ 42 efisɛ na ɔwɔ ɔbabea koro pɛ a wadi bɛyɛ mfe dumien a ɔreyɛ awu.+
Bere a ɔrekɔ no, nnipakuw no kyeree no so.+ 43 Na ɔbea bi a mogya+ atu no mfe dumien, a obiara ntumi nsaa no yare,+ 44 fi n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atade nguguso+ ano,+ na amonom hɔ ara mogya no twae.+ 45 Enti Yesu kae sɛ: “Hena na ɔde ne nsa kaa me?”+ Bere a wɔn nyinaa kae sɛ ɛnyɛ wɔn no, Petro kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nnipakuw yi afuw wo ho na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kae sɛ: “Obi de ne nsa aka me, mahu sɛ tumi+ afi me mu kɔ.”+ 47 Bere a ɔbea no hui sɛ wahu no no, ɔde ahopopo bɛhwee n’anim kaa nea enti a ɔde ne nsa kaa no ne sɛnea ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim.+ 48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo;+ fa asomdwoe kɔ.”+
49 Na ogu so rekasa no, hyiadan mu panyin no nanmusini bi bɛkae sɛ: “Wo babea no awu; nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no bio.”+ 50 Bere a Yesu tee no, obuaa no sɛ: “Nsuro, wo de, nya gyidi,+ na obenya nkwa.” 51 Bere a oduu fie hɔ no, wamma obiara ne no ankɔ mu gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abeawa no papa ne ne maame.+ 52 Nanso na nkurɔfo resu no de awerɛhow pempem wɔn koko. Enti ɔkae sɛ: “Munnyae su,+ onwui na mmom wada.”+ 53 Eyi nti wofii ase serew no, efisɛ na wonim sɛ wawu.+ 54 Na osoo ne nsa maa no so frɛɛ no sɛ: “Abeawa, sɔre!”+ 55 Na ne honhom+ san bae, na ɔsɔree+ ntɛm ara, na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni.+ 56 Na n’awofo no ho dwiriw wɔn; nanso ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.+