Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 45 kr. 114-kr. 115 nky. 3
  • Ɔwɔ Tumi Mpo Wɔ Adaemone Bebree So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwɔ Tumi Mpo Wɔ Adaemone Bebree So
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Yesu Wɔ Wɔ Adaemone So
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Tumi A Ɔde Yɛɛ Anwonwade No Fi He?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?
    Nyan!—1998
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 45 kr. 114-kr. 115 nky. 3
Ɔbarima a ahonhommɔne bebree wɔ ne so rekɔ Yesu nkyɛn

TI 45

Ɔtuu Ahonhommɔne Bebree

MATEO 8:28-34 MARKO 5:1-20 LUKA 8:26-39

  • ƆTUU AHONHOMMƆNE KƆHYƐƐ MPRAKO MU

Bere a asuafo no kɔduu asuogya dwoodwoo no, wɔhuu biribi maa wɔn ho dwirii wɔn paa. Nea ɛfaa wɔn ani so nyinaa akyi no, wɔkɔdui nso a, mmarima mmienu a ahonhommɔne wɔ wɔn so na apue afiri asiei reba Yesu nkyɛn yi! Ná mmarima no mmienu nyinaa ho yɛ hu paa, nanso wɔn mu baako na Bible kaa ne no asɛm kɛse. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔno paa na na ahonhommɔne no ahaw no akyɛ na na ɔdi abɔdansɛm nso kyɛn baako no.

Ɔbarima a n’asɛm yɛ mmɔbɔ yi, na ɔnenam hɔ a ɔnhyɛ hwee. Daa adesaeɛ ne adekyeeɛ, na “ɔteateam wɔ ada ne mmepɔ no mu de aboɔ twitwa ne ho.” (Marko 5:5) Ná ne ho yɛ hu araa ma obiara mpo suro sɛ ɔbɛtwam baabi a ɔwɔ no. Nkurɔfo yɛɛ sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛgu ne nan ne ne nsa, nanso ɛyɛ a na watete mu. Obiara antumi no.

Bere a ɔbarima no duu Yesu nkyɛn no, ɔhwee ne nan ase, na ahonhommɔne a ɛhyɛ ne mu no ma ɔteaam sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Ka Onyankopɔn ntam sɛ worenha me.” Afei Yesu kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ahonhommɔne so tumi. Ɔkaa sɛ: “Honhom fĩ, firi onipa no mu.”—Marko 5:7, 8.

Ná ahonhommɔne a ɛhyɛ ɔbarima no mu dɔɔso. Nea ɛma yɛhu saa ne sɛ, bere a Yesu bisaa sɛ “wo din de sɛn?” no, mmuaeɛ a ɔnyae ne sɛ: “Me din de Asafotoɔ, ɛfiri sɛ yɛyɛ bebree.” (Marko 5:9) Yɛka asafotoɔ a, Romafo nhyehyɛe mu no, ɛgyina hɔ ma asraafo apem; ɛno ma yɛhu sɛ na ahonhommɔne a wɔabɛtena ɔbarima no so no dɔɔso paa, na ateetee a wɔde no faa mu no maa wɔn ani gyei. Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ “ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔmmfiri ne mu nnkɔ bunu no mu.” Wotumi hu sɛ na wɔnim nea ɛda hɔ retwɛn wɔne wɔn panin Satan nyinaa.—Luka 8:31.

Mprako abɔ twi rekɔgu po mu

Saa bere no, na mprako bɛyɛ 2,000 redidi wɔ hɔ baabi. Mprako nso deɛ, Yudafo Mmara mu no, na wɔn ho nte, enti ɛnsɛ sɛ anka obiara yɛn bi mpo. Ahonhommɔne no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ma yɛnkɔ mprako no mu, ma yɛnkɔhyɛn wɔn mu.” (Marko 5:12) Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ, na wɔfirii ɔbarima no mu kɔhyɛɛ mprako no mu. Ɛhɔ ara na mprako 2,000 no nyinaa bɔɔ twi siane kɔguu po no mu.

Wɔn a wɔrehwɛ mprako no huu nea asi no, wɔtuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no ne nkuraa a atwa ahyia nyinaa mu, na ɛno maa nkurɔfo baa hɔ bɛhwɛɛ nea asi. Wɔbɛduu hɔ no, wɔhuu sɛ ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so no ani so atete no ma wayɛ kama. Obi a na ɔnenam hɔ a ɔnhyɛ atade no, afei deɛ na ɔhyɛ atade te Yesu nan ase!

Yesu reka akyerɛ obi na ahonhommɔne wɔ ne so sɛ ɔnkɔ fie nkɔka n’ayaresa no ho asɛm nkyerɛ n’abusuafo

Obiara a ɔhuu ɔbarima no ne obiara a ɔtee ne ho asɛm no bɔɔ hu, efisɛ na wɔnnim nea ɛdi akyi reba. Enti wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri kurom hɔ. Ɔrekɔ no, ɔbarima no kaa sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka deɛ Yehowa ayɛ ama woɔ nyinaa ne mmɔborɔhunu a wayi no adie akyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn.”—Marko 5:19.

Ná Yesu taa ka kyerɛ wɔn a ɔsa wɔn yareɛ no sɛ wɔmmmɔ so nnkyerɛ obiara, efisɛ na ɔmpɛ sɛ ne ho asɛm bɛyɛ yɛse-yɛse biara. Ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no deɛ, na ɔno ara yɛ nea asi no ho danseni, enti na ɔbɛtumi aka ho asɛm akyerɛ wɔn a Yesu ntumi nkɔ wɔn nkyɛn no. Afei nso sɛ nkurɔfo rekyerɛ nea ɛyɛe a mprako no kɔguu po mu na sɛ ɛnyɛ nokware a, ɔbarima no bɛtumi abɔ agu. Enti ɔbarima no fii ase kaa nea Yesu ayɛ ama no no ho asɛm wɔ Dekapoli nyinaa.

  • Nnipa mmienu na na ahonhommɔne wɔ wɔn so. Adɛn nti na baako deɛ Bible kaa ne ho asɛm kɛse?

  • Ahonhommɔne no, dɛn na wɔn ankasa nim sɛ ɛbɛto wɔn daakye?

  • Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no sɛ ɔnkɔka nea Yesu ayɛ no nkyerɛ nkurɔfo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena