Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 47 kr. 118-kr. 119 nky. 6
  • Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nyan Awufo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔde Ne Nsa Kaa Yesu Atade Nyaa Ayaresa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 47 kr. 118-kr. 119 nky. 6
Yesu anyane Yairo babaa

TI 47

Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu

MATEO 9:18, 23-26 MARKO 5:22-24, 35-43 LUKA 8:40-42, 49-56

  • YESU NYANEE YAIRO BABAA

Bere a Yesu saa ɔbaa a mogya tuu no yareɛ no, Yairo hui. Ná ɔno nso babaa yare, na na ɔnim sɛ ‘saa berɛ no deɛ, ɛbɛyɛ sɛ ne ba no awu.’ Nanso nea ɔhui no maa ɔnyaa adwene sɛ Yesu bɛtumi aboa ne ba no. (Mateo 9:18) Na anidaso bi wɔ hɔ ma abofra no anaa?

Yesu gu so ne ɔbaa a ɔsaa no yareɛ no rekasa no, mmarima bi fi Yairo fie bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wo babaa no awu.” Wɔtoaa so sɛ: “Adɛn nti na woda so reha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?”—Marko 5:35.

Ná ɔbarima no nyɛ onipa ketewa wɔ kurom hɔ, nanso saa bere no deɛ na ɔgye ne ho a ɛnnye. Awerɛhosɛm bɛn ni! Ne babaa baako pɛ na owuo de no kɔ yi. Asɛm a wɔbɛka kyerɛɛ Yairo no, Yesu tee, enti ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, wo deɛ, nya gyidie.”—Marko 5:36.

Yairo babaa awu na nkurɔfo resu

Afei Yesu dii Yairo akyi kɔɔ ne fie. Wɔkɔduu hɔ no, na ɛhɔ ayɛ gyegyeegye. Ná awerɛhoɔ ahyɛ nnipa a wɔaba hɔ no ma, na na wɔresu bɔ bena de wɔn nsa repempem wɔn bo. Yesu wuraa fie hɔ no, ɔmmɛka asɛm mma yɛntie a, ɔse: “Abɔfra ketewa no nwuiɛ, na mmom wada.” (Marko 5:39) Nkurɔfo no tee Yesu asɛm no, na wɔda no fam reserew no, efisɛ na wɔnim paa sɛ abofra no awu. Nanso tumi a Onyankopɔn de ama Yesu nti, na ɔbɛkyerɛ wɔn sɛ obi wu a ɔbɛtumi anyane no te sɛ obi a wada hatee.

Afei Yesu maa obiara pue ma ɛkaa ɔne Petro, Yakobo, Yohane ne abofra no awofo. Yesu ne saa nnipa nnum yi kɔɔ baabi a abofra no da, na ɔsɔɔ abofra no nsa kaa sɛ: “‘Talita kuum,’ a ɛkyerɛ sɛ: ‘Abaayewa, mese wo sɛ, sɔre!’” (Marko 5:41) Ɛhɔ ara na abaayewa no sɔre nanteeɛ. Yairo ne ne yere huu nea asi no, wo deɛ hwɛ anigye a wɔbɛnya! Ná Yesu pɛ sɛ wɔhu sɛ abofra no aba nkwa mu ampa, enti ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Mpɛn pii no, sɛ Yesu sa nkurɔfo yareɛ a, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ mma wɔmmmɔ ho dawuru. Ɔnyanee abofra no nso, saa ara na ɔka kyerɛɛ n’awofo. Nanso awofo a wɔn ani agye no ne afoforo kaa ho asɛm wɔ “mpɔtamu hɔ baabiara.” (Mateo 9:26) Sɛ wo na obi a wodɔ no paa anyane afiri awufo mu a, anka woremfa anigye mmɔ ho dawuru? Wɔn a Bible ka sɛ Yesu nyanee wɔn no, abofra yi na ɔtɔ so mmienu.

  • Asɛm bɛn na wɔbɛka kyerɛɛ Yairo? Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ no?

  • Bere a Yesu ne Yairo kɔduu fie hɔ no, na dɛn na ɛrekɔ so?

  • Adɛn nti na Yesu kaa sɛ abofra a wawu no ada?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena