Mateo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo;+ susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.+ Luka 6:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.+ Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”+ 2 Korintofo 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na eyi mu no, nea ogu no pɛpɛe+ so no betwa pɛpɛe so, na nea ogu pii+ no betwa pii.
38 Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.+ Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”+