Daniel 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua,+ na Nea ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.+ N’agua yɛ ogyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ ogya a ɛrefram.+ Mateo 17:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim maa n’anim hyerɛn te sɛ owia+ na n’atade yɛɛ hyɛnn te sɛ hann.+ Mateo 28:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ná ne ho te sɛ anyinam,+ na n’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ Luka 9:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na ogu so rebɔ mpae no, n’anim hwɛbea+ sakrae na n’atade yɛɛ fitaa hyɛnhyɛnhyɛn.+
9 “Mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua,+ na Nea ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.+ N’agua yɛ ogyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ ogya a ɛrefram.+