Mateo 26:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw+ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam no so beyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Sɛ wɔanwo saa nipa no mpo a, anka eye.” Yuda 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfaso nti, wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuatew kasa no mu!+ Adiyisɛm 2:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo, sɛ wowɔ ebinom wɔ hɔ a wokura Balaam nkyerɛkyerɛ mu denneennen,+ nea ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔmfa hintidua nto Israel mma anim mma wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.+
24 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw+ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam no so beyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Sɛ wɔanwo saa nipa no mpo a, anka eye.”
11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfaso nti, wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuatew kasa no mu!+
14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo, sɛ wowɔ ebinom wɔ hɔ a wokura Balaam nkyerɛkyerɛ mu denneennen,+ nea ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔmfa hintidua nto Israel mma anim mma wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.+