17 Na Abraham tee no, ɔde n’anim butuw hɔ serewee, na ɔkae wɔ ne komam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfe ɔha betumi anya ɔba, na Sara nso, ɔbea a wadi mfe aduɔkron no bɛwo anaa?”+
19 Na ɛwom sɛ ne gyidi anyɛ mmerɛw de, nanso osusuw n’ankasa nipadua a na agow+ dedaw no ho, efisɛ na wadi bɛyɛ mfirihyia ɔha,+ ɛne Sara yafunu nso a na awu+ no.