Mateo 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na wɔn a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmea ne mmofra nkumaa nka ho.+ Marko 6:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Bio nso, wɔn a wodii paanoo no dodow yɛ mmarima mpemnum.+ Yohane 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yesu kae sɛ: “Momma nnipa no ntenatena ase sɛnea wɔyɛ wɔ adidii.”+ Na sare pii nso wɔ hɔ. Enti mmarima a wɔn dodow bɛyɛ mpemnum no tenatenaa ase.+
10 Yesu kae sɛ: “Momma nnipa no ntenatena ase sɛnea wɔyɛ wɔ adidii.”+ Na sare pii nso wɔ hɔ. Enti mmarima a wɔn dodow bɛyɛ mpemnum no tenatenaa ase.+