43 Nanso ne somfo no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede eyi asi mmarima ɔha anim?”+ Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Fa ma nkurɔfo no ma wonni, efisɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wobedi ma ebi aka.’”+
19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipakuw no ma wɔtenatenaa sare no so na ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa+ paanoo no so bubuu mu kyekyɛ maa asuafo no na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipakuw no.+