24 “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo+ no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.+
14 Nea eguu nsɔe mu no, eyinom ne wɔn a wɔate, nanso asetena yi mu dadwen ne ahonya ne anigye+ twetwe wɔn, na emia wɔn koraa ma enti biribiara nwie pɛyɛ.+