Mateo 27:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Bere a Pilato hui sɛ adepa biara amfi mu amma na mmom basabasa rebesi no, ɔfaa nsu+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuw no anim kae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ nea mobɛyɛ.” Luka 23:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin no ne nnipakuw no sɛ: “Minhu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ Yohane 15:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Nanso ɛno na ɛbɛma asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu no aba mu sɛ, ‘Wɔtan me kwa.’+
24 Bere a Pilato hui sɛ adepa biara amfi mu amma na mmom basabasa rebesi no, ɔfaa nsu+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuw no anim kae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ nea mobɛyɛ.”